Powered By Blogger

Saturday 18 August 2018

Kofi Anan

Bosommuru Kofi Anan
Dammirifua due,
Due, due, due
Due ne amanehunu

Yɛwɔ barima, ɛnna yɛwɔ barima
Tweaduampɔn kyɛɛ yɛn Kofi
Ɔde no kyɛɛ yɛn no nso,
Kofi ammɔ yɛn aborɔ
Kofi Kyini de ne nyansa ne nimdeɛ
Kyinkyinii amanhodoɔ so
Pataa ntɔkwa brane a, mmarima
Akantinanwam mpo suro sɛ wɔbɛkɔ ho.
Mente -me-ho ase ne atirimka,
Menasepɔ ne anantitwitwa
Wati-me ne waka me
Ɔtan ne nitan
Sɛ Anan duru hɔ pɛ,
Na ne nyinaa anane.
Barima bɛyɛɛ bi
Na wammɛyɛ ne nyinaa
Kofi due
Anan due
Bosommuru due
Due ne amanehunu.

No comments:

Post a Comment